Woreba Ghana Returning to Ghana

Transcription

Woreba Ghana Returning to Ghana
Toolkit
Praxis NOMS Electronic Toolkit
www.tracks.uk.net
resettlement of
of
A resource for the resettlement
Prisoners (FNPs)
(FNPs)
Foreign National Prisoners
Passport
I want to leave
the UK
CLICK HERE
I do not want to
leave the UK
CLICK HERE
Woreba Ghana
I am unsure about
Returning
toUKGhana
leaving the
CLICK HERE
I will be released
into the UK
CLICK HERE
Woreba Ghana
Saa krataa yi ma wo nsɛm ne nnwumakuo a sɛ ɛba sɛ yɛrepam
wo anaa yɛabɔ wo afiri amanɔne aba fie a, wɔbɛtumi aboa.
Aberɛ a yɛrebɔ mmɔden sɛ nsɛm a yɛde rema wo no ɛyɛ
papa no, ɛnkyerɛ sɛ nnwumakuo no bɛtumi ama wo mmoa a
yɛabobɔ so no nyinaa.
W’ Aban Ananmusini atenaeɛ wɔ UK
Ghana Aban Ananmusini Atenaeɛ
13 Belgrave Square, London SW1X 8PN
Fon: 020 7201 5900 Fase: 020 7245 9552
E-meeli: [email protected]; [email protected]
www.ghanahighcommissionuk.com
Passpɔto, Adwumayɛ ho nsɛm, Nwomasua, Adwadie ne Dwetire, Aprosifoɔ
nkitahodie, ne Amansan kuo a wɔdi ɛpo so ho nsɛm.
104 Highgate Hill, London N6 5HE
Fon: 020 8342 7501
E-meeli: [email protected]
www.ghanahighcommissionuk.com
Firi Dwoada kɔsi Fiada Anɔpa 09.30 kɔsi Awia 13.00 ne efiri 14.00 kɔsi 17.30
Akwantuo ho nkrataa
Yɛbɛtumi de Ghana passpɔto a ɛdi mu apam afiri UK aba Ghana
Sɛ yɛanya passpɔto a, yɛbɛtumi abisa mputupru akwantuo ho krataa/sɛtifiketi a yeinom ka ho:
• abisa krataa a yɛatwerɛ
• mfonini nan
• krataa a wo ho nsɛm wɔ so
Adansedie nkrataa a yɛbɛtumi de apia abisadeɛ nom bi ne passpɔto a atwam, ahyɛnsodeɛ
kaade, hyɛnka tumi krataa, awoɔ krataa ne/ anna visa krataa so nsɛm
Sɛ adansedie nkrataa no nni ho, ɛbɛhia sɛ Ghana adwumayɛfoɔ bi a Home Office bɛyi wɔn no
bɛtoto onipa korɔ no ano wɔ fon so anaa anim ne anim kwan so.
Woreba fie
Sɛ wopɛ sɛ wosane w’akyi ba Ghana na wopɛ sɛ wosan ntɛm so a, wobɛtumi:
• Ato nkra ama onipa a ɔrehwɛ wo nsɛm no so wɔ Home Office sɛ wopɛ sɛ wosan kɔ wo nkyi;
• Ayɛ deɛ wobɛtumi biara ama wo nsa aka nkrataa a ɛbɛboa ama wo nsa aka akwantuo ho
nkrataa;
• Wobɛto nkra ama Ghana Ananmusini no Atenaeɛ sɛ wɔnhyɛ aseɛ nyɛ akwantuo no ho nkrataa
no ho adwuma.
Sɛ wokenkan nsɛm a edidi so yi a, ebia a ɛbɛtumi aboa wo wɔ wahosiesie no
ansa na woasan akɔ wo nkyi.
Nkrataasɛm ho nhyehyɛeɛ wɔ Ghana
ɛsɛ sɛ obiara a ɔyɛ Ghanani na ɔte obi man so no biara twerɛ ne din sɛdeɛ ɔbɛnya Ghana Kaade
no. Ghana Kaade no yɛ ɔman no ahyɛnsodeɛ a National Identification Authority (NIA) na wɔde
ma ɛna ɛboa ma obiara a okura bi no nya mmoa pii.
Nsɛm a ɛwɔ kaade no so no bi ne edin, onipa korɔ a okura no mfonin , n’akyiri akwan, da a wɔde
woo no, ne ɔno nko ara nɔma soronko a afidie na ayi ama no ne ho nsɛm bi nso te sɛ ne nsaano
ahyɛnsodeɛ ne ne kokurobotie ano ahyɛnsoo. Ghana Kaade no wɔde ma Ghanani biara kwa ɛna
wobɛnya bi nso wɔ NIA mpɔtam Atenaeɛ nso.
ɛdan ho nsɛm
ɛwom sɛ Ghana Aban reyɛ deɛ ɔbɛtumi biara ama amanfoɔ anya adan a ne boɔ wɔ fam atena mu
deɛ, nanso ɛdan ho nsɛm no gu so ara yɛ adesoa kɛseɛ wɔ Ghana. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhan adan
no yɛgye wɔn mfeɛ mmienu anaa mmeɛnsa adabanse. ɛno nti ɛho bɛhia sɛ wobɛfrɛ abusuafoɔ
anaa nnamfoɔ ama wɔaboa wo wɔ ɛdan ho nhyehyɛeɛ ansa na woaba wo nkyi.
Apomuden
Ghana wɔ apomuden nsiakyibaa (NHIS). Saa nsiakyibaa yi nhyehyɛeɛ no ma wɔn a wɔdɔm bi no tua
ntwama sɛdeɛ ɛbɛyɛ na sɛ wɔyare a nsiakyibaa no ahwɛ wɔn a wɔbɛtua sika kakra bi pɛ. Sɛ wotwerɛ
wo din a, wɔma wo kaade a wobɛtumi de agye ayarehwɛ wɔ ayaresabea biara mu. Wo ayarehwɛ
no ho ka no nyinaa wɔde kɔma nsiakyibaa no ma wɔtua ma wo. Sɛ worepɛ emu nkyerɛmu biara
a anaa wopɛ sɛ wodɔm a, kɔ www.nhis.gov.gh anaa kɔ Nsiakyibaa no atenaeɛ a ɛwɔ wo mpɔtam
anaa wɔn ananmusifoɔ ho.
Ayarehwɛ wɔ nkuro akɛseɛ mu no yɛ nanso wɔn a wɔwɔ nkuro nketewa mu no deɛ gye sɛ wotwa
kwan tenten kɔ nkuro akɛseɛ mu ansa na wo anya ayarehwɛ.
Mputupuru mmoa
Seisei ara yɛnni mmoa biara de ma wɔn a wɔnyɛ adwuma anaa wɔn a wɔntumi nyɛ adwuma no
wɔ Ghana.
Adwumasɛm, nwomasua ne nsaanodwuma sua
Nsaano dwuma sua
Council for Technical and Vocational Education and Training (COTVET) ne atenaeɛ a ɛhwɛ
nsaanonnwuma ne mfidinnwuma sua so wɔ ɔman no mu. Sɛ worepɛ nsɛm a ɛfa mmeaeɛ ne
adesua a ɛfa nsaanonnwuma ne mfidinnwuma sua no ho a, hwɛ www.cotvet.org
Adwumasɛm
Adwuma ho kwan ho dawurubɔ no wobɛnya wɔ ntanɛte so ne dawurubɔ nkrataa mu. ntanɛte
akyiriakwan yi wobɛnya adwuma ho kwan no nsɛm wɔ Ghana wɔ mu:
• www.ghanajobsonline.com
• www.jobsinghana.com
• www.ghanacurrentjobs.com
Adwumabue no mmoa
Sɛ wɔsan ba wo nkyi na wɔpɛ sɛ wɔbue adwuma a, wobɛnya nsɛm ne mmoa wɔ ntanɛte a edidi soɔ yi mu:
• Ghana Investment Promotion Council (GIPC) www.gipc.com
• Ghana Export Promotion Council (GEPC) www.gepcghana.com
• Ghana Chamber of Commerce and Industry (GCCI) www.ghanachamber.org
Akyiriakwan nwoma
Alliance Against Irregular Migration (AAIM)
Fon: +233-(0)205-798-096,+233 (0)247-155-779
Emeeli: [email protected]
AAIM yɛ atuwohoakyɛ adwumakuo a ɛtu Ghana mmabunu fo sɛ mma wɔmfa kwatikwan so ntu kwan nkɔ
amanɔne ɛna wɔsan nso boa akwantufoɔ a yɛabɔ wɔn aba fie anaa wɔn ara nam wɔn pɛ so aba fie. Wɔboa
ma wɔn a wɔaba wo nkyi no san ne wɔn mmusua tena ahotɔ mu wɔ wɔn mpɔtam.
Caritas Ghana, Department of Human Development, National Catholic Secretariat,
Centenary House, Near Gulf House, Accra, Ghana
Akyiriakwan: P.O. Box KA 9712, Airport-Accra, Ghana
Fon: +233 307 010 368, +233 244 318 807
E-meeli: [email protected]
Catholic atenaeɛ yi boa wɔ apomuden ho nsɛm, nwomasua, ne dwetire kakra a wɔde bɛbue adwuma ho
nsɛm mu.
International Organisation for Migration (IOM), Ghana
Fon: +233 302 742 930, +233 302 742 930 Fase: +233 302 742 931
E-meeli: [email protected]
IOM Wɔboa ma wɔn a wɔnam wɔn pɛ so aba wo nkyi no san ne wɔn mmusua tena ahotɔ mu.
National Association of People Living with HIV/AIDs (NAP+)
PMB MD 145, Madina-Accra, Ghana
Fon: +233 302 822034
E-meeli: [email protected]
Wodi ma ɛna wɔboa wɔn a wɔanya babaso yadeɛ HIV/AIDS no.
Society for Woman and Aids in Africa (SWAA)
Akyiriakwan Box KD 293, Kanda, Accra, Ghana
Fon: +233 21 250912
E-meeli: [email protected], [email protected]
www.swaagh.org
Wɔma mmaa a wɔanya HIV/AIDS afotuo, di ma won, ayarehwɛ, nwomasua, ɛne nsɛm a wohia.
WISE – Women’s Initiative in Self Empowerment
22--‐Sir ArkuKorsah Road, Roman Ridge, Accra, Ghana.
Akyiriakwan: P.O. Box CT 5604, Cantonments - Accra, Ghana
Fon: +233 21 781003 Fon a ɛda mu pa ara: +233 21 78 10 02 Fase: +233 21 77 86 65
E-meeli: [email protected]
www.wise-up.org
WISE, ma afotuo ɛne wɔn a wɔafa nnamu ateetee mu anaa ateetee a ɛgyina
wɔn bɔbea so no mmoa. WISE wɔ atenaeɛ wɔ Krisan ne Ho.
Saa nwoma yi ɛyɛ Praxis Community Projects ne Hibiscus Initiatives na ɛka bom de brɛɛ wo. Hibiscus
Initiatives ne mmaa ne mmarima a wɔda afiase, wɔn a yɛakye wɔn wɔ akwantuo ho nkrataasɛm nti, wɔn a
wɔhia mmoa ama wɔatumi ne wɔn mmusua tena ahotɔ mu wɔ wɔn mpɔtam wɔ berɛ a yɛayi wɔn afiri afiase
anaa mpokyire mu ne wɔn a yɛafa esum ase dwadie so atɔn wɔn a wɔwɔ UK man mu. Wɔn nnwuma no mu
bi ne sɛ wɔrepere nneduasefoɔ yiedie, wɔn asetena mu wɔ berɛ a wɔasan kɔ wonkyi, wɔreko tia nnipa ho
esum ase dwadie ne atuwohoakyɛ ne mpɔtam asetena dwumadie. Sɛ wopɛ sɛ wonya Hibiscus Initiatives ho
nsɛm a, wɔn akyiriakwan na ɛwɔ aseɛ ha yi:
Hibiscus Initiatives
Resource for London, 356 Holloway Road London N7 6PA
Fon: + 44 (0) 20 7697 4120 Fase:+ 44 (0) 20 7697 4272
E-meeli: [email protected]
www.hibiscusinitiatives.org.uk
Praxis Community Projects ne atuakɔtenafoɔ a wɔyɛ mmerɛ a emu bi ne wɔn a wɔadi nsɛmmɔne a
yɛma wɔn afotuo, mmoa ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa atuakɔtena ho, ɛdan ho nsɛm ho, yiedie ho mmoa ho.
Praxis Community Projects
Pott Street, London E2 0EF
Fon: +44 (0)20 7729 7985 Fon foforɔ: +44(0)20 7729 0154 Fase: +44 (0)20 7729 0134
E-meeli: [email protected]
www.praxis.org.uk